Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Tie Onyankopɔn—Sɛnea Yɛde Yɛ Adwuma

Tie Onyankopɔn—Sɛnea Yɛde Yɛ Adwuma

Tie Onyankopɔn nhomawa no, mfonini pii wom. Wɔyɛɛ no sɛ yɛmfa nkyerɛkyerɛ nkurɔfo a wonnim akenkan mma wonhu Bible mu nokware atitiriw no. Adesua biara gye kratafa mmienu, na mfonini a ɛwom no, wɔato wɔn bo ase ayɛ no fɛfɛɛfɛ. Wɔde agyiraehyɛde (arrow) atoto mu, na ɛma wuhu sɛ wufi ha a na worekɔ ha.

Tie Onyankopɔn ne Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no, mfonini a ɛwom no yɛ ade koro. Nanso Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa no deɛ, emu nkyerɛwee dɔɔso. Enti sɛ Bible suani bi nim akenkan kakra a, ebetumi aboa no. Sɛ Bible suani no kura Tie Onyankopɔn nhomawa no a, mpɛn pii no, adawurubɔfo no hwɛ Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa no mu de yɛ adesua no. Nkratafa dodow no ara, wubehu adaka a nsɛm foforo wom. Wubetumi agyina osuani no nimdeɛ so ne no asusuw ho.

Wubetumi de nhomawa yi biara ama bere biara. Sɛ ɛnyɛ ɛno na yɛde rema nkurɔfo wɔ bosome no mu mpo a, wubetumi de ama. Sɛ woreyɛ Bible adesua a, fa mfonini a ɛwom no kyerɛkyerɛ Bible no mu. Bisa nsɛm ma osuani no nka bi, na hwɛ hu sɛ wate nea moresua no ase. Kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kratafa biara ase no, monkenkan na munsusuw ho. Sɛ wo ne obi sua nhomawa no wie a, munsua Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no, na ama wanya nkɔso abɔ asu.