Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

March 27–April 2

YEREMIA 12-16

March 27–April 2
  • Dwom 135 ne Mpaebɔ

  • Nnianim Nsɛm (Simma 3 anaa nea ennu saa)

BIBLE MU AKORADE

  • Israel Werɛ Fii Yehowa”: (Simma 10)

    • Yer 13:1-5—Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔmfa nwera abɔso nkosie. Ɛwom sɛ na adwuma no yɛ den paa, nanso otiei (jr 51 ¶17)

    • Yer 13:6, 7—Yeremia twaa kwantenten sɛ ɔresan akɔfa abɔso no, nanso ɔkɔe no na asɛe (jr 52 ¶18)

    • Yer 13:8-11—Ná Yehowa de wei rekyerɛ sɛ Israelfo no asoɔden nti, abusuabɔ a emu yɛ den a na ɛda ɔne wɔn ntam no bɛsɛe (jr 52 ¶19-20; it-1-E 1121 ¶2)

  • Tweetwee Bible Mu: (Simma 8)

    • Yer 12:1, 2, 14—Asɛm bɛn na Yeremia bisae, na mmuae bɛn na Yehowa de maa no? (jr 118 ¶11)

    • Yer 15:17—Ná Yeremia bu fekubɔ sɛn, na dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua no? (w04 5/1 12 ¶16)

    • Dɛn na nnawɔtwe yi Bible akenkan ma mihu fa Yehowa ho?

    • Nnawɔtwe yi Bible akenkan mu asɛm bɛn na metumi de akɔ asɛnka?

  • Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Yer 13:15-27

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

  • Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 2 anaa nea ennu saa) Nkaedi nsato krataa ne video—Yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe.

  • Sankɔhwɛ: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Nkaedi nsato krataa ne video—Fa asɛm bi gyaw no na da foforo moasusuw ho.

  • Ɔkasa: (Simma 6) w16.03 29-31—Asɛmti: Bere Bɛn na Babilon Kɛse no Faa Onyankopɔn Nkurɔfo Nnommum Anaa Ɛde Wɔn Yɛɛ Nkoa?

KRISTOFO ABRABƆ