Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Boa W’abusua na Wɔn Werɛ Amfi Yehowa

Boa W’abusua na Wɔn Werɛ Amfi Yehowa

Yehowa maa Yeremia kɔbɔɔ Yudafo no kɔkɔ sɛ ɔsɛe bi rebobɔ ba, efisɛ na wɔn werɛ afi wɔn Nyankopɔn Yehowa. (Yer 13:25) Ɛyɛɛ dɛn na ɔman no ne Yehowa ntam sɛee saa? Ná Israelfo mmusua ayɛ wɔn som basaa. Ɛda adi sɛ Yehowa afotu a ɛwɔ Deuteronomium 6:5-7 no, na mmusua ti mfa nyɛ adwuma.

Ɛnnɛ, mmusua a wɔmfa wɔn som nni agorɔ no boa ma yɛn asafo ahorow no yɛ den. Sɛ mmusua ti yɛ Abusua Som daa, na wɔma etu mpɔn a, ɛbɛboa wɔn mmusua na wɔn werɛ amfi Yehowa. (Dw 22:27) Monhwɛ video a yɛato din Ma Asɛm . . . Yi Nna Wo Koma So”—Nsɛm a Wobisabisa Mmusua. Muwie a, mummua nsɛmmisa a edidi so yi:

  • Nsɛnnennen a yɛtaa hyia wɔ abusua som mu no, dɛn na mmusua bi ayɛ de adi so?

  • Sɛ yɛyɛ Abusua Som daa, na yɛma ma etu mpɔn a, mfaso a yenya no bi ne nea ɛwɔ he?

  • Ɔhaw bɛn na mewɔ wɔ abusua som ho? Dɛn na mɛyɛ de adi so?