Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | YEREMIA 12-16

Israel Werɛ Fii Yehowa

Israel Werɛ Fii Yehowa

Ná asoɔden ne dwae adidi Yudafo ne Yerusalemfo mu, enti Yehowa de adwumasono bi hyɛɛ Yeremia nsa de kyerɛe sɛ, sɛnea ɛte biara, ɔbɛsɛe wɔn.

Yeremia kɔpɛɛ nwera abɔso

13:1, 2

  • Abɔso a ɔde bɔɔ n’asen denneennen no, na egyina hɔ ma abusuabɔ a emu yɛ den a ɔman no ne Yehowa betumi anya

Yeremia de abɔso no kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho

13:3-5

  • Ɔde kohintaw ɔbotan tokuru mu, na ɔsan kɔɔ Yerusalem

Yeremia san kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ ɔrekɔfa abɔso no

13:6, 7

  • Okoduu hɔ no, na abɔso no asɛe

Bere a Yeremia yɛɛ wei nyinaa wiei no na Yehowa ma ohuu nea ɛkyerɛ

13:8-11

  • Adwuma a Yeremia yɛe no, anhwɛ a wobɛka sɛ mfaso nni so. Nanso osetie a ofii ne koma mu yɛe no maa Yehowa yɛɛ biribi a ɛbɛka ɔman no koma