Anuanom bi reto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no ase wɔ Slovenia

KRISTOFO ABRABƆ NE YƐN ASƐNKA—ADESUA NHOMA March 2018

Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu

Nkɔmmɔbɔ a egyina ɔsatu a yɛbɛyɛ de ato nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no ase ne nsɛmmisa a edidi so yi: Dɛn nti na Yesu wui? Dwuma bɛn na agyede no di?

BIBLE MU AKORADE

“Obiara a Ɔpɛ Sɛ Ɔyɛ Kɛse Mo Mu No, Ɔnyɛ Ɔsomfo”

Nneɛma a yɛyɛ a afoforo behu akamfo yɛn no, ɛno titiriw na yɛyɛ wɔ yɛn som mu anaa? Sɛ obi brɛ ne ho ase a ɔtaa yɛ nneɛma a Yehowa Nyankopɔn nko ara na ehu.

BIBLE MU AKORADE

Di Ahyɛde Akɛse Mmienu No So

Ahyɛde mmienu bɛn na Yesu kaa sɛ ɛyɛ kɛse sen biara wɔ Bible mu? Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yedi ahyɛde yi so?

KRISTOFO ABRABƆ

Yɛbɛyɛ Dɛn Anya Ɔdɔ Ama Onyankopɔn Ne Yɛn Yɔnko?

Ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko. Ade titiriw baako a yebetumi ayɛ de anya saa ɔdɔ yi ne sɛ yɛbɛkenkan Bible daa.

BIBLE MU AKORADE

Kɔ So Ma W’ani Nna Hɔ Honhom Fam Wɔ Awiei Bere Yi Mu

Nnipa pii ama nneɛma a wɔyɛ wɔ asetena mu daa no agye wɔn adwene araa ma wɔde Onyankopɔn som ato nkyɛn. Ɔkwan bɛn so na adwene a Kristofo a wɔn ani da hɔ wɔ honhom fam no da nsow?

KRISTOFO ABRABƆ

Yɛabɛn Wiase Nhyehyɛe Yi Awiei

Ɔkwan bɛn so na Yesu nsɛm no boa ma yehu sɛ yɛte nna a edi akyiri yi awiei pɛɛ? Asɛmmisa yi ho mmuae wɔ video a yɛato din Yɛabɛn Wiase Nhyehyɛe Yi Awiei no mu.

BIBLE MU AKORADE

“Monkɔ So Nwɛn”

Mmaabun du mfatoho no mu no, ayeforokunu no, mmaabun mmadwemma no, ne mmaabun nkwaseafo no gyina hɔ ma dɛn? Na mfatoho yi fa wo ho sɛn?

KRISTOFO ABRABƆ

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yɛbɛkyerɛ Bible Asuafo Ma Wɔasiesie Wɔn Ho Ama Adesua No

Sɛ yenya asuafo foforo ara pɛ a, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔde yɛ wɔn su sɛ wobesua nhoma no ansa na yɛaba. Yɛbɛyɛ no sɛn?