Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | MATEO 22-23

Di Ahyɛde Akɛse Mmienu No So

Di Ahyɛde Akɛse Mmienu No So

22:36-39

Nneɛma mmiɛnsa a ɛwɔ ase ha no kyerɛ nea enti a yɛkɔ Kristofo nhyiam. Gyina Mateo 22:36-39 so hyehyɛ no nnidiso nnidiso. Emu nea ɛwɔ he na wobɛka sɛ ɛho hia pa ara, nea ɛwɔ he na edi hɔ, na nea ɛwɔ he na etwa to?

  • Sɛ́ yebenya nkuranhyɛ

  • Sɛ́ yɛbɛhyɛ yɛn nuanom nkuran

  • Sɛ́ yɛbɛsom Yehowa na yɛakyerɛ sɛ yɛdɔ no

Sɛ mpo yɛabrɛ na yɛte nka sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a yɛrennya so mfaso ahe biara a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani kɔ?

Nneɛma bɛn bio na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedi ahyɛde akɛse mmienu no so?