Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yɛbɛkyerɛ Bible Asuafo Ma Wɔasiesie Wɔn Ho Ama Adesua No

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yɛbɛkyerɛ Bible Asuafo Ma Wɔasiesie Wɔn Ho Ama Adesua No

NEA ENTI A ƐHO HIA: Sɛ Bible asuafo siesie wɔn ho ma adesua no a ɛma wɔte nea yɛrekyerɛkyerɛ wɔn no ase ntɛm na wotumi kae. Mpɛn dodow a wɔn ntease rekɔ anim na wotumi kae nea wɔresua no, wonya nkɔso ntɛmntɛm. Wɔn asubɔ akyi mpo no, ebehia sɛ wosiesie wɔn ho ma asafo nhyiam ne asɛnka, na ama wɔatumi ‘akɔ so awɛn.’ (Mt 25:13) Enti sɛ wohu sɛnea wobetumi asua ade yiye, na wonya nhyehyɛe pa a wɔde bɛyɛ saa daa a, wobenya so mfaso wɔn nkwa nna nyinaa. Sɛ yenya asuafo foforo ara pɛ a, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔde yɛ wɔn su sɛ wobesua nhoma no ansa na yɛaba.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Yɛ nhwɛso pa. (Ro 2:21) Siesie wo ho ma adesua biara, na woreyɛ saa a hwɛ sɛnea wobɛma adesua no afa osuani no ho. (km 11/15 3) Fa nhoma a woasensan ase no kyerɛ no

  • Hyɛ no nkuran ma onsiesie ne ho. Sɛ wo ne obi fi Bible adesua ase pɛ a, ma onhu sɛ nhoma no a obedi kan asua no ka Bible adesua nhyehyɛe no ho, na kyerɛ no mfaso a ɛwɔ so. Wubetumi akyerɛ no nneɛma bi a obetumi ayɛ na ama wanya bere de asua nhoma no. Sɛ adawurubɔfo bi rekyerɛ Bible suani bi mfaso a ɛwɔ so sɛ obedi kan asiesie ne ho a, saa da no wɔde wɔn nhoma a wɔasensan ase ma osuani no ma ɔhwɛ mu ma wosua ade. Sɛ wokɔ na wadi kan asua nhoma no a kamfo no

  • Kyerɛ no sɛnea obesiesie ne ho. Adawurubɔfo bi nso, wonya osuani foforo a, ahyɛase no ara woyi adesua baako si hɔ de kyerɛ osuani no sɛnea obesua nhoma no ansa na da a wɔde bɛyɛ adesua no adu so