Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | MATEO 25

“Monkɔ So Nwɛn”

“Monkɔ So Nwɛn”

25:1-12

Ɛwom sɛ Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no nti na ɔmaa mmaabun du mfatoho no de, nanso asuade titiriw a ɛwom no fa Kristofo nyinaa ho. (w15 3/15 9-14) “Enti monkɔ so nwɛn, na munnim da anaa dɔn no.” (Mt 25:13) Wubetumi akyerɛkyerɛ Yesu mfatoho no mu?

  • Ayeforokunu (nky. 1)—Yesu

  • Mmaabun mmadwemma a wɔayɛ krado (nky. 2)—Kristofo a wɔasra wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔde nokwaredi bɛyɛ wɔn adwuma na wɔhyerɛn te sɛ akanea kosi sɛ awiei no bɛba (Flp 2:15)

  • Wɔteɛm sɛ: “Ayeforokunu no ni oo!” (nky. 6)—Yesu mmae ho adanse

  • Mmaabun nkwaseafo (nky. 8)—Kristofo a wɔasra wɔn a wokohyia Ayeforokunu no nanso wɔankɔ so amma wɔn anni anna hɔ anni nokware

  • Mmaabun mmadwemma a wɔne afoforo ankyɛ wɔn ngo no (nky. 9)—Nsɔano a etwa to no akyi no, anokwafo a wɔasra wɔn no rentumi nyɛ biribiara mmoa wɔn a wɔanni nokware no efisɛ saa bere no na aka akyi dodo

  • “Ayeforokunu no bae” (nky. 10)—Yesu ba bebu atɛn bere a aka kakra ama ahohiahia kɛse no aba awiei no

  • Mmaabun mmadwemma no ne ayeforokunu no kɔ ayeforohyia no ase, na wɔto pon no mu (nky. 10)—Yesu boaboa n’anokwafo a wɔasra wɔn no ano kɔ soro, nanso wɔn a wɔanni nokware no de, wɔhwere wɔn soro akatua no