Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | MATEO 20-21

“Obiara a Ɔpɛ Sɛ Ɔyɛ Kɛse Mo Mu No, Ɔnyɛ Ɔsomfo”

“Obiara a Ɔpɛ Sɛ Ɔyɛ Kɛse Mo Mu No, Ɔnyɛ Ɔsomfo”

20:28

Nea na akyerɛwfo ne Farisifo a wɔyɛ ahantan no ani gye ho ne sɛ nkurɔfo behu wɔn na wɔakyia wɔn wɔ gua so

Nea na akyerɛwfo ne Farisifo a wɔyɛ ahantan no pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ ade ma nkurɔfo ahu akamfo wɔn, na na wɔpɛ dibea nso. (Mt 23:5-7) Ná Yesu nte saa. “Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔbɛsom.” (Mt 20:28) Nneɛma a yɛyɛ a afoforo behu akamfo yɛn no, ɛno na yɛyere yɛn ho yɛ wɔ yɛn som mu anaa? Nea ɛma obi yɛ kɛse ne sɛ obesuasua Kristo na wasom afoforo. Mpɛn pii no, yɛyɛ nneɛma a ɛte saa wɔ kokoam na Yehowa nko ara na ohu. (Mt 6:1-4) Sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɔyɛ nneɛma a edidi so yi de som afoforo:

  • Ɔboa ma wosiesie Ahenni Asa so

  • Ofi ne pɛ mu boa wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne afoforo

  • Oyi ntoboa de boa Ahenni adwuma no