Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

March 19-25

MATEO 24

March 19-25
  • Dwom 126 Ne Mpaebɔ

  • Nnianim Nsɛm (Simma 3 anaa nea ennu saa)

BIBLE MU AKORADE

  • Kɔ So Ma W’ani Nna Hɔ Honhom Fam Wɔ Awiei Bere Yi Mu”: (Simma 10)

    • Mt 24:12—Esiane sɛ amumɔyɛ bɛdɔɔso nti nkurɔfo dɔ ano bedwo (it-2-E 279 ¶6)

    • Mt 24:39—Ebinom de nneɛma a wɔyɛ no daa bɛyɛ wɔn asetena mu ade titiriw ama agye wɔn adwene (w99 11/15 19 ¶5)

    • Mt 24:44—Owura no bɛba bere a obiara nhwɛ kwan (jy 259 ¶4)

  • Tweetwee Bible Mu: (Simma 8)

    • Mt 24:8—Sɛnea Yesu kaa asɛm yi no, ebetumi akyerɛ sɛn? (“awoko yaw mfiase” Mt 24:8 ho adesua asɛm, nwtsty)

    • Mt 24:20—Dɛn nti na Yesu kaa saa asɛm yi? (“awɔw bere mu,” “homeda” Mt 24:20 ho adesua asɛm, nwtsty)

    • Dɛn na nnawɔtwe yi Bible akenkan ama woasua afa Yehowa ho?

    • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, ade foforo bɛn na wuhui?

  • Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Mt 24:1-22

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

  • Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 2 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Ofiewura no ka nsɛm a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ w’asasesin mu no bi kyerɛ wo.

  • Sankɔhwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Onipa a da a edi kan wo ne no kasae no nni fie enti ne busuani na ɛbaa pon no ano.

  • Sankɔhwɛ a Ɛto So Mmienu Ho Video: (Simma 5) Yi video no na munsusuw ho.

KRISTOFO ABRABƆ