Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu

Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu

●○○ NSRAHWƐ A EDI KAN

Nkaedi Ho Ɔsatu (March 3-31): Yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ wo ba dwumadi titiriw pa ara bi ase. Krataa a yɛde reto nsa afrɛ wo ni. Nnipa ɔpepem pii behyia Memeneda, March 31 wɔ wiase baabiara akae Yesu Kristo wu no. Wohwɛ krataa yi so a, wubehu baabi a yɛbɛyɛ no ne bere a yɛbɛyɛ no wɔ yɛn mpɔtam ha. Aka nnawɔtwe ama saa dwumadi yi adu so no, yɛbɛma ɔkasa bi a n’asɛmti ne “Hena Pa Ara Ne Yesu Kristo?” Ɛno nso yɛto nsa frɛ wo sɛ betie bi.

Onipa No Kyerɛ Ho Anigye a Nea Wobɛka: Dɛn nti na Yesu wui?

○●○ SANKƆHWƐ A EDI KAN

Asɛmmisa: Dɛn nti na Yesu wui?

Kyerɛwsɛm: Mt 20:28

Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Dwuma bɛn na agyede no di?

○○● SANKƆHWƐ A ƐTO SO MMIENU

Asɛmmisa: Dwuma bɛn na agyede no di?

Kyerɛwsɛm: Ro 6:23

Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ agyede no?