Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Sɛnea Wɔkyerɛw Krataa No—Ɛho Nhwɛso

Sɛnea Wɔkyerɛw Krataa No—Ɛho Nhwɛso
  • Fa w’ankasa address kyerɛw krataa no. Sɛ wote nka sɛ wode w’address kyerɛw na ɛbɛhaw adwene a, ɛnde wubetumi de mo asafo no address ayɛ adwuma bere a asafo mu mpanyimfo no apene so no. Nanso, ɛnsɛ sɛ wode Betel address ma ofiewura no sɛ ɔmfa so nkyerɛw wo DA!

  • Sɛ wunim onipa no din a, fa yɛ adwuma. Wei bɛma onii no ahu sɛ krataa no nyɛ ade a yɛde rebɔ biribi ho dawuru.

  • Hwɛ sɛ woakyerɛw nsɛmfua no yiye na wode kasa ho mmara nso ayɛ adwuma pɛpɛɛpɛ. Ɛnsɛ sɛ wutwitwa nsɛmfua no bi mu ma krataa no mu yɛ basaa. Sɛ wode wo nsa na ɛrekyerɛw a, kyerɛw ma ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi betumi akan. Ɛsɛ sɛ wode nsɛm a nidi wom kyerɛw krataa no, nanso hwɛ na anyɛ kyenkyenenn dodo.

Krataa ho nhwɛso a yɛde aka ho no kyerɛkyerɛ nsɛm a yɛaka yi mu. Wei nkyerɛ sɛ bere biara a wopɛ sɛ wokyerɛw krataa kɔma obi wɔ mo asasesin mu no, hwɛ wei so kyerɛw no pɛpɛɛpɛ. Mmom hwɛ nea enti a worekyerɛw krataa no, nea ɛrekɔ so wɔ asasesin no mu, ne ɛhɔ amammerɛ na ama woahu nsɛm a wobɛkyerɛw.