Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Fa Video Kyerɛkyerɛ Wo Bible Asuafo

Fa Video Kyerɛkyerɛ Wo Bible Asuafo

Sɛ wode mfoni ahorow kyerɛkyerɛ a, ɛma osuani no tumi de n’adwene si nea ɔresua no so, ɔte ase yiye, na ɛma otumi kae nea wasua no. Yehowa, yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no de mfoni ahorow kyerɛkyerɛɛ asuade atitiriw bi. (Ge 15:5; Yer 18:1-6) Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse Yesu nso de mfoni ahorow kyerɛkyerɛe. (Mt 18:2-6; 22:19-21) Nnansa yi, ade baako a aboa ama yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn pa ara ne video ahorow. Worekyerɛkyerɛ wo Bible asuafo a, ɛyɛ a wode video ahorow di dwuma yiye?

Wɔayɛ video ahorow du a ɛboa ma yetumi kyerɛkyerɛ adesua nsɛm a ɛwɔ Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! nhomawa no mu. Wohwɛ video no mu dodow no ara asɛmti a, wubehu sɛ ɛne nsɛmmisa a wɔde nkyerɛwde tuntum akyerɛw wɔ Asɛmpa nhomawa no mu baako hyia. Sɛ wode Asɛmpa nhomawa a ɛwɔ ɛlɛtrɔnik afiri so reyɛ adwuma a, baabi a ɛsɛ sɛ wuyi video no, wɔde link ato hɔ sɛnea ɛbɛkae wo. Afei, nhoma ahorow a yɛde yɛ Bible adesua a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu no, yɛwɔ video ahorow a ɛkyerɛkyerɛ emu nsɛm no bi mu.

Worekyerɛkyerɛ asɛm bi mu akyerɛ wo Bible suani, nanso ayɛ den sɛ ɔbɛte ase anaa? Anaa wo suani no rehyia sɔhwɛ pɔtee bi? Ɛnde kɔ jw.org® anaa JW Broadcasting® kɔhwehwɛ video bi a ebetumi aboa no. Ebia wo ne osuani no betumi abom ahwɛ video no mu baako na moasusuw ho.

Bosome biara wɔyɛ video ahorow. Emu biara a wobɛhwɛ no, dwinnwen ho hwɛ sɛ wubehu ɔkwan a wubetumi afa so de akyerɛkyerɛ wo Bible asuafo anaa.