Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | 1 KORINTOFO 4-6

“Mmɔkaw Kakraa Bi Na Ɛkaw Mmɔre Nyinaa”

“Mmɔkaw Kakraa Bi Na Ɛkaw Mmɔre Nyinaa”

5:1, 2, 5-11, 13

Ɔdɔ nti na wotu obi fi asafo no mu. Ade a ɛma obi tumi di yaw kɛse saa de, adɛn nti na yɛka sɛ ɛkyerɛ ɔdɔ?

Wotu obi a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ . . .

  • Yehowa, efisɛ ɛhyɛ ne din kronkron no anuonyam.​—1Pe 1:15, 16

  • asafo no, efisɛ ɛbɔ asafo no ho ban fi nneyɛe a ebetumi asɛe emufo abrabɔ ho.​—1Ko 5:6

  • nea wayɛ bɔne no, efisɛ ɛboa no ma n’ani ba ne ho so.​—Heb 12:11

Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa abusua bi a wɔatu wɔn busuani bi afi asafo no mu?