Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | ROMAFO 12-14

Dɛn Na Obi Yɛ a Ɛkyerɛ Sɛ Ɔreda Ɔdɔ Kann Adi?

Dɛn Na Obi Yɛ a Ɛkyerɛ Sɛ Ɔreda Ɔdɔ Kann Adi?

12:10, 17-21

Sɛ obi fom yɛn a, ɛnyɛ sɛ yɛrenyɛ bi ntua no ka kɛkɛ, mmom yɛbɛyɛ no papa nso. Ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛreda ɔdɔ kann adi. “Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom; na wonam saayɛ so bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi.” (Ro 12:20) Sɛ obi ne yɛn anni no yiye na yɛyɛ no papa a, ebia ebetumi ama onii no anu ne ho wɔ nea ɔyɛe no ho.

Bere bi a woanhyɛ da a woyɛɛ biribi ma ɛhaw obi, na onii no de papa tuaa wo ka no, wotee nka sɛn?