Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu

Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu

●○○ NSRAHWƐ A EDI KAN

Asɛmmisa: Adɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ nnipa?

Kyerɛwsɛm: Ge 1:28

Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Yɛyɛ dɛn hu sɛ nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no bɛbam?

○●○ SANKƆHWƐ A EDI KAN

Asɛmmisa: Yɛyɛ dɛn hu sɛ nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no bɛbam?

Kyerɛwsɛm: Yes 55:11

Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Sɛ nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no bam a, asetena bɛyɛ sɛn?

○○● SANKƆHWƐ A ƐTO SO MMIENU

Asɛmmisa: Sɛ nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no bam a, asetena bɛyɛ sɛn?

Kyerɛwsɛm: Dw 37:10, 11

Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Sɛ yebenya Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow so mfaso a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

NKAEDI HO ƆSATU (March 23–April 19):

Yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ wo ba dwumadi titiriw pa ara bi ase. Krataa a yɛde reto nsa afrɛ wo ni. Nnipa ɔpepem pii behyia Fida, April 19 wɔ wiase baabiara akae Yesu Kristo wu no. Beae a yɛbɛyɛ no wɔ yɛn mpɔtam ha ne bere a yɛde bɛyɛ no, wohwɛ krataa yi so a wubehu. Aka nnawɔtwe ama saa dwumadi yi adu so no, yɛbɛma ɔkasa bi a n’asɛmti ne “Hwehwɛ Nkwa Ankasa No!”

Onipa No Kyerɛ Ho Anigye a Nea Wobɛka: Dɛn nti na Yesu wui?