Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

March 16-22

GENESIS 25-26

March 16-22
  •  Dwom 18 Ne Mpaebɔ

  •  Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

  • Esau Tɔn Ne Panyin”: (Simma 10)

    • Ge 25:27, 28—Ná Esau ne Yakob yɛ ntafo, nanso na ɛsono sɛnea wɔn mu biara suban te ne nea n’ani gye ho (mwbr20.03 1 nky. 3)

    • Ge 25:29, 30—Ɔkɔm ne ɔbrɛ nti, Esau antumi anhyɛ ne ho so

    • Ge 25:31-34—Esau daa no adi sɛ n’ani nsɔ hokwan a ɔwɔ no; ɔperee ne ho tɔn ne panyin maa Yakob de gyee aduan (w19.02 16 ¶11; mwbr20.03 1 nky. 4)

  • Tweetwee Bible Mu: (Simma 10)

    • Ge 25:31-34—Kyerɛwsɛm yi nkyerɛ sɛ, na ɛsɛ sɛ obiara a Mesia no bɛfa no so aba no yɛ abakan. Adɛn ntia? (Heb 12:16; w17.12 15 ¶5-7)

    • Ge 26:7—Adɛn nti na Isak anka nokware a ɛwɔ asɛm no mu nyinaa? (mwbr20.03 1 nky. 5)

    • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhu faa Yehowa Nyankopɔn, asɛnka adwuma no, anaa biribi foforo biara ho a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

  • Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Ge 26:1-18 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

KRISTOFO ABRABƆ

  • Dwom 78

  • Sɛ Wo Ne Nkurɔfo Resua Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! Nhomawa No a, Fa Video Ahorow Di Dwuma: (Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video ahorow a yɛato din Tebea Bɛn Na Awufo Wom? ne Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan? no. Woyi video biara wie a, bisa nsɛm a edidi so yi: Sɛ wo ne obi resua Asɛmpa nhomawa no a, wobɛyɛ dɛn de video yi ayɛ adwuma? (mwb19.03 7) Video no mu nsɛm bɛn na aboa wo wɔ wo nkyerɛkyerɛ mu? Ma atiefo nhu sɛ, sɛ wɔtwe Asɛmpa nhomawa a ɛwɔ ɛlɛtrɔnik afiri so no bi a, baabi a ɛsɛ sɛ woyi video no, wɔde link ato hɔ sɛnea ɛbɛkae wɔn.

  • Asafo Bible Adesua: (Simma 30 anaa nea ennu saa) jy ti 108

  • Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3 anaa nea ennu saa)

  • Dwom 107 Ne Mpaebɔ