Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Di Anifuraefo Adanse

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Di Anifuraefo Adanse

NEA ENTI A ƐHO HIA: Wɔn a wɔn ani afura no mu pii wɔ hɔ a, wɔn ani nnye ho sɛ wɔne obi a wonnim no bɛbɔ nkɔmmɔ. Wei nti, egye mmɔdenbɔ paa na yɛatumi adi wɔn adanse. Yehowa dwen anifuraefo ho paa. (Le 19:14) Yɛn nso, sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛboa anifuraefo ama wɔne Yehowa afa adamfo a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • ‘Hwehwɛ’ wɔn a wɔn ani afura. (Mt 10:11) Wunim obi a ne busuani bi ani afura? Sɛ wohwɛ w’asasesin mu a, mowɔ anifuraefo sukuu bi anaa adwumakuw bi a wɔhwɛ anifuraefo a wobehia anifuraefo nhoma anaa?

  • Ma onhu sɛ wudwen ne ho. Sɛ wuhyia obi a n’ani afura na woma ohu sɛ wudwen ne ho, anaa ne ho hia wo a, ɛbɛma ne koma atɔ ne yam. Wubetumi ne no abɔ biribi a ɛrekɔ so wɔ mpɔtam hɔ ho nkɔmmɔ

  • Ma anifuraefo nsa nka yɛn nhoma ahorow a ɛbɛboa wɔn ama wɔabɛn Yehowa. Yehowa ahyehyɛde no ayɛ anifuraefo nhoma ahorow a wubetumi de aboa wɔn a wɔn ani afura ne wɔn a wonhu ade papa no. Bisa no sɛ, sɛ ɔpɛ sɛ osua ade a, ɔyɛ no sɛn? Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no hwɛ hu sɛ, onua a ɔhwɛ nhoma so no akra nhoma a onifuraefo no hia