Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | GENESIS 29-30

Yakob Waree

Yakob Waree

29:18-28

Bere a Yakob rebɛware no, na onnim ɔhaw ahorow a obehyia. Rahel ne Lea bɛyɛɛ akorafo, na na wɔnsen so. (Ge 29:32; 30:1, 8) Ɛmfa ho ɔhaw ahorow a Yakob hyiae no, ohui sɛ Yehowa ka ne ho. (Ge 30:29, 30, 43) Awiei koraa no, ne mma na ɛbɛyɛɛ Israel man no.—Ru 4:11.

Ɛnnɛ nso, wɔn a wɔpaw sɛ wɔbɛware no nyinaa behyia nsɛnnennen. (1Ko 7:28) Nanso sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so, na wɔde Bible afotusɛm yɛ adwuma a, wɔn aware bɛsɔ na wɔn ani begye.—Mme 3:5, 6; Efe 5:33.