Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Henanom Na Mɛto Nsa Afrɛ Wɔn?

Henanom Na Mɛto Nsa Afrɛ Wɔn?

Afe biara, sɛ edu Nkaedi bere a, yɛyɛ nea yebetumi biara to nsa frɛ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu ma wɔba bi. Nnipa a yɛto nsa frɛ wɔn no mu pii wɔ hɔ a, yennim wɔn. Nanso saafo no da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn a yenim wɔn. Sɛ yɛto nsa frɛ nkurɔfo a yenim wɔn dedaw a, ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛba Nkaedi no bi. (yb08-E 11 ¶3; 14 ¶1) Henanom na wubetumi ato nsa afrɛ wɔn?

  • W’abusuafo

  • W’adwumamfo anaa wo sukuufo

  • Wo mpɔtamfo

  • Wɔn a wokɔ wɔn hɔ sankɔhwɛ, wo Bible asuafo a wo ne wɔn nsua ade bio, ne wɔn a wo ne wɔn sua ade seesei

Afei nso, mpanyimfo no bɛto nsa afrɛ wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ. Nanso sɛ obi a wunim no nte wo mpɔtam hɔ a, dɛn na wobɛyɛ? Sɛ wokɔ jw.org/tw a, wubetumi ahu bere ne beae a wɔbɛyɛ Nkaedi no bi wɔ ne mpɔtam hɔ. Wokɔ wɛbsaet no so a, klik ɔfã a wɔato din YƐN HO NSƐM, na klik “Nkaedi.” Bere a woresiesie wo ho ama afe yi Nkaedi no, bisa wo ho sɛ, ‘Henanom na metumi ato nsa afrɛ wɔn?’ na yɛ saa.