Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO | DƐN NA WOBƐYƐ NA AMA ANIGYE A WODE YƐ ASƐNKA ADWUMA NO AYƐ KƐSE?

Dɛn Na Wobɛyɛ Na Ama Anigye a Wode Yɛ Asɛnka Adwuma No Ayɛ Kɛse

Dɛn Na Wobɛyɛ Na Ama Anigye a Wode Yɛ Asɛnka Adwuma No Ayɛ Kɛse

Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi! (Heb 4:12) Wɔn a wonnim Onyankopɔn mpo, sɛ yɛkenkan Bible no kyerɛ wɔn a, etumi ka wɔn koma. (1Te 1:9; 2:13) Sɛ yɛka Bible mu nokware kyerɛ obi na n’ani gye ho a, ɛma yɛn nso yɛn ani gye paa.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SƐ YƐMA YƐN HO KOKWAW WƆ ASUAFOYƐ ADWUMA NO MU A, ƐBƐMA YƐN ANI AGYE—​MA NKURƆFO NHU TUMI A ƐWƆ ONYANKOPƆN ASƐM NO MU NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Ansa na Neeta rebɛtwe Jade adwene akɔ kyerɛwsɛm no so no, dɛn na ɔkae a ɛma yehu sɛ na ɔrema tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu ada adi?

  • Bere a Jade rekenkan kyerɛwsɛm no, dɛn na Neeta yɛe a ɛma yehu sɛ na ɔrema tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu ada adi? Ɔkenkan wiei nso, dɛn na Neeta yɛe?

  • Dɛn na ɛma yehu sɛ kyerɛwsɛm no kaa Jade koma? Ɛmaa Neeta tee nka sɛn?