Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Petro ne Yohane resiesie abansoro dan no mu ama afe 33 Y.B. Twam afahyɛ no

KRISTOFO ABRABƆ

Woresiesie Wo Ho Ama Nkaedi No Anaa?

Woresiesie Wo Ho Ama Nkaedi No Anaa?

Twam afahyɛ a etwa to a Yesu dii no, na ɛyɛ soronko. Ná ɛrenkyɛ na wawu, enti ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔne n’asuafo no bɛbom adi Twam no, na wafa so de afahyɛ foforo a ɛne Awurade Anwummeduan no asi hɔ. Wei nti ɔka kyerɛɛ Petro ne Yohane sɛ wonkosiesie baabi a wobedi Twam no. (Lu 22:7-13; hwɛ mfoni a ɛwɔ nhoma yi anim no.) Saa asɛm yi ma yehu sɛ, yɛn nso ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma Nkaedi a yɛbɛyɛ no March 27 no. Asafo ahorow bi ayɛ paanoo ne bobesa a wɔde bɛyɛ Nkaedi no ne nea ɔbɛma ɔkasa no ho nhyehyɛe dedaw. Nanso, dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ de asiesie ne ho ama Nkaedi no?

Siesie wo koma. Ɛsɛ sɛ yɛkenkan na yedwinnwen Nkaedi Bible akenkan no ho. Wɔayɛ Nkaedi Bible akenkan no ho nhyehyɛe wɔ Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhoma no mu. Afei, nhomawa a yɛato din Fa Sua Onyankopɔn Asɛm no, sɛ wohwɛ ɔfã 16 no a, wubehu nneɛma a esisii saa bere no ho nsɛm pii. (Wubetumi nso ahwɛ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma, April 2020 de no mu.) Sɛ moreyɛ abusua som a, mubetumi asusuw nea enti a agyede no ho hia ho. Sɛ mohwɛ Watch Tower Publications Index anaa Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no mu a, mubenya ɛho nsɛm pii.

To nsa frɛ afoforo. Sɛ yɛrekyekyɛ Nkaedi nsato krataa no a, bɔ mmɔden fa wo ho hyem. Susuw ho hwɛ wɔn a wubetumi ato nsa afrɛ wɔn. Ebetumi ayɛ wɔn a wokɔ wɔn hɔ sankɔhwɛ, wɔn a na wo ne wɔn yɛ Bible adesua, amannifo ne w’abusuafo. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo hwɛ sɛ wɔbɛto nsa afrɛ wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ. Sɛ onipa no nte wo mpɔtam mpo a, wubetumi ato nsa afrɛ no ama wakɔ Nkaedi no bi. Sɛ wopɛ sɛ wuhu bere ne beae a wɔbɛyɛ Nkaedi no wɔ onii no mpɔtam hɔ a, kɔ jw.org/tw na klik YƐN HO NSƐM afã no so, na klik “Nkaedi.”

Dɛn bio na yebetumi ayɛ de asiesie yɛn ho?