Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO | DƐN NA WOBƐYƐ NA AMA ANIGYE A WODE YƐ ASƐNKA ADWUMA NO AYƐ KƐSE?

Dɛn Na Wobɛyɛ Na Ama Anigye a Wode Yɛ Asɛnka Adwuma No Ayɛ Kɛse?

Dɛn Na Wobɛyɛ Na Ama Anigye a Wode Yɛ Asɛnka Adwuma No Ayɛ Kɛse?

Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn,” na ɔpɛ sɛ yɛn ani gye wɔ asɛnka adwuma no mu. (1Ti 1:11) Sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ asɛnka adwuma no yiye na yɛma yɛn ho kokwaw a, ɛbɛma yɛn ani agye. Sɛ wopɛ sɛ wo ne obi bɔ nkɔmmɔ a, ɔkwan baako a etu mpɔn ne sɛ wubebisa no asɛm bi a wohwɛ a n’ani begye ho. Yebisa nsɛm a, ɛma nea ɔretie yɛn no dwen. (Mt 22:41-45) Sɛ yebisa obi asɛm, na yɛyɛ komm tie no a, ɛte sɛ nea yɛreka akyerɛ no sɛ, ‘Midwen wo ho paa.’ (Yak 1:19) Afei nso, mmuae a onipa no bɛma no bɛboa yɛn ama yɛahu baabi a yɛde yɛn asɛm no bɛfa.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SƐ YƐMA YƐN HO KOKWAW WƆ ASUAFOYƐ ADWUMA NO MU A, ƐBƐMA YƐN ANI AGYE​—FA NSƐMMISA DI DWUMA NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Suban pa bɛn na na Jade wɔ?

  • Asɛm bɛn na Neeta bisae a ɛma yehu sɛ na odwen Jade ho?

  • Nsɛm bɛn na Neeta bisaa Jade de kanyan n’anigye?

  • Ɔkwan bɛn so na Neeta de asɛmmisa boaa Jade ma osusuw asɛm no ho?