Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE

Hwɛ Yiye Na Woanyɛ Ahantan Anaa Woannye Wo Ho Anni Dodo

Hwɛ Yiye Na Woanyɛ Ahantan Anaa Woannye Wo Ho Anni Dodo

Kora gyee ne ho dii dodo, na ɔyɛɛ ahantan. Wei nti ɔsɔre tiaa nhyehyɛe a na Yehowa ayɛ no (Nu 16:1-3; w11 9/15 27 ¶12)

Ná Kora yɛ Lewini a ɔwɔ hokwan pii wɔ Yehowa som mu, na na nkurɔfo nso bu no (Nu 16:8-10; w11 9/15 27 ¶11)

Adwemmɔne a Kora nyae no kɔfaa ɔhaw pii bae (Nu 16:32, 35)

Ɛnsɛ sɛ nneɛma a yɛatumi ayɛ wɔ Yehowa som mu ma yɛyɛ ahantan anaa ɛma yegye yɛn ho di dodo. Wɔn a wɔasom Yehowa akyɛ ne wɔn a asɛyɛde a emu yɛ duru hyehyɛ wɔn nsa no, ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase paa.