Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Nsuasua Wɔn a Wɔanni Nokware No

Nsuasua Wɔn a Wɔanni Nokware No

Kora, Datan, ne Abiram anni nokware na wɔsɔre tiaa Yehowa nhyehyɛe. Yehowa sɛee atuatewfo yi ne wɔn a na wɔtaa wɔn akyi no nyinaa. (Nu 16:26, 27, 31-33) Tebea ahorow bɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yebedi nokware? Bible mu nhwɛso bɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛansuasua wɔn a wɔanni nokware no?

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN NSUASUA NNIPA A WƆANNI NOKWARE NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Tebea bɛn na Nadia hyiae a ɛma ɛyɛɛ den sɛ obedi nokware, na Bible mu asɛm bɛn na ɛboaa no?

  • Tebea bɛn na onua bi hyiae a ɛma ɛyɛɛ den sɛ obedi nokware, na Bible mu asɛm bɛn na ɛboaa no?

  • Tebea bɛn na Larbi hyiae a ɛsɔɔ no hwɛe, na Bible mu asɛm bɛn na ɛboaa no ma otumi dii nokware?

  • Tebea bɛn na onua bi a ɔkɔ sukuu hyiae a ɛma ɛyɛɛ den sɛ obedi nokware, na Bible mu asɛm bɛn na ɛboaa no?