Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Ɔhaw Biara Wɔ N’awiei

Ɔhaw Biara Wɔ N’awiei

Sɛ yehyia ɔhaw a, ebetumi ama yɛn abam abu, titiriw bere a ɔhaw no atena yɛn so akyɛ no. Ná Dawid nim sɛ, nea Ɔhene Saul de reyɛ no no, ɛrenkɔ so daa. Ná ɔwɔ ahotoso sɛ, sɛnea Yehowa ahyɛ bɔ no, da koro da koro, obedi hene. (1Sa 16:13) Esiane sɛ na Dawid wɔ gyidi nti, onyaa abotare twɛn Yehowa.

Sɛ yɛrehyia ɔhaw a, nyansa, nimdeɛ, ne anifere a yɛbɛda no adi no betumi aboa yɛn ma yɛadi ho dwuma. (1Sa 21:12-14; Mme 1:4) Nanso tebea ahorow bi wɔ hɔ a, sɛ yɛbɔ mmɔden de Bible nnyinasosɛm di ho dwuma sɛ dɛn mpo a, wobɛhwɛ na etim nea etim. Yehyia tebea bi a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ yenya koma na yɛtwɛn Yehowa. Ɛrenkyɛ koraa obeyi amanehunu nyinaa afi hɔ, na ‘ɔbɛpopa yɛn aniwa mu nisu nyinaa.’ (Adi 21:4) Enti, sɛ ahotɔ no befi Yehowa hɔ na aba oo, sɛ nso biribi foforo na ɛbɛma yɛn ho atɔ yɛn oo, nea ɛsɛ sɛ yɛkae ni: Ɔhaw biara wɔ n’awiei. Ɛsɛ sɛ yɛma saa nokwasɛm yi kyekye yɛn werɛ.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN NNIPA MU APAAPAE NANSO YEHOWA NKURƆFO YƐ BAAKO NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Ɔhaw bɛn na anuanom binom a na wɔte United States anaafo fam no hyiae?

  • Dɛn na wɔyɛ de kyerɛe sɛ wɔwɔ ɔdɔ ne abotare?

  • Ɔkwan bɛn so na wɔde wɔn adwene sii “nneɛma a ehia paa no” so?—Flp 1:10