Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE

Nea Ɛbɛba Wo Tirim Biara Na Woreyɛ Anaa?

Nea Ɛbɛba Wo Tirim Biara Na Woreyɛ Anaa?

Adesrɛ a Dawid de kɔtoo Nabal anim no, na ɛnyɛ biribi a ɛboro so. Nanso Nabal didii ɔne ne mmarima no atɛm (1Sa 25:7-11; ia 78 ¶10-12)

Nea ɛbaa Dawid mu ara ne sɛ, ɔnkɔ nkokunkum mmarima a wɔwɔ Nabal fie nyinaa (1Sa 25:13, 21, 22)

Abigail boaa Dawid, enti wankɔyɛ biribi a ɛbɛma wadi mogya ho fɔ (1Sa 25:25, 26, 32, 33; ia 80 ¶18)

BISA WO HO SƐ: ‘Sɛ me bo fuw anaa m’abam bu a, nea ɛbɛba me tirim biara na mereyɛ? Sɛ meredi gua a, nea m’ani bɛbɔ so biara na matɔ? Anaa ansa na mɛyɛ biribi no, midi kan dwen ho hwɛ nea ɛbɛkɔ akowie?’—Mme 15:28; 22:3.