Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu

Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu

Nkaedi Ho Ɔsatu (March 19–April 15)

“Yɛde anigye reto nsa afrɛ wo aba dwumadi titiriw bi ase. Yɛreyɛ saa dwumadi no de akae Yesu wu no. Nnipa ɔpepem pii bɛba bi.” Fa nsato krataa no ma no, anaa fa fa text message anaa e-mail so mena no. “Baabi a yɛbɛyɛ no wɔ yɛn mpɔtam ha, ne bere a yɛde bɛyɛ no, sɛ wohwɛ krataa yi so a, wubehu [anaa wubehu sɛnea wubetumi ahwɛ wɔ Intanɛt so]. Aka nnawɔtwe ama saa dwumadi yi adu so no, yɛbɛma ɔkasa titiriw bi. Ɛno nso, yɛto nsa frɛ wo.”

Onipa No Kyerɛ Ho Anigye a Nea Wobɛyɛ: Yi video a yɛato din Kae Yesu Wu No kyerɛ no [anaa fa fa text message anaa e-mail so mena no].

Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Dɛn nti na Yesu wui?

Nsrahwɛ a Edi Kan * (March 1-18, April 16-30)

Asɛmmisa: Hena ne Yesu?

Kyerɛwsɛm: Mt 16:16

Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Dɛn nti na Yesu wui?

Sankɔhwɛ *

Asɛmmisa: Dɛn nti na Yesu wui?

Kyerɛwsɛm: Mt 20:28

Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yesu afɔre no?

^ nky. 7 ^ nky. 11 Nsɛmmisa a yebetumi de afi nkɔmmɔbɔ ase, nea yɛde begyaw wɔn, ne sɛnea yɛbɛyɛ no no, wubetumi asesa mu ma ɛne tebea a ɛwɔ w’asaasesin mu no ahyia.