BIBLE MU AKORADE
Ná Nyansa Som Bo Ma No
Saba hemmaa no twaa kwan kohuu Solomon; kwan a otwae no, na ɛware yiye, na wamfa no ahogono (2Be 9:1, 2; w99 11/1 20 ¶4; w99 7/1 30 ¶4-5)
Bere a ohuu Solomon nyansa ne n’ahonyade no, ne ho dwiriw no papaapa (2Be 9:3, 4; w99 7/1 30-31; hwɛ mfoni a ɛwɔ nhoma yi anim no)
Nea ohui no pusuw no ma oyii Yehowa ayɛ (2Be 9:7, 8; it-2 990-991)
Ná nyansa som bo ma Saba hemmaa no paa, enti ɔyeree ne ho denneennen sɛ ne nsa bɛka bi.
BISA WO HO SƐ, ‘Sɛ merehwehwɛ biribi a ɛsom bo a wɔde asie a, ahokeka a anka mede bɛhwehwɛ no, saa ahokeka no ara bi na mede hwehwɛ nyansa anaa?’—Mme 2:1-6.