Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Wopɛ Nyansa a Kenkan Bible Da Biara

Wopɛ Nyansa a Kenkan Bible Da Biara

Nyansa a efi Onyankopɔn hɔ te sɛ biribi a ɛsom bo a wɔde asie. (Mme 2:1-6) Nyansa boa yɛn ma yɛn adwene mu da hɔ, na ɛma yesisi gyinae pa. Ɛsan bɔ yɛn ho ban. Enti ɛno “ne ade a ehia paa.” (Mme 4: 5-7) Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yɛatumi ahu honhom fam nneɛma a ɛsom bo a wɔde asie Onyankopɔn Asɛm mu no. Yebetumi de Bible akenkan ahyɛ ase, na yɛakenkan no “awia ne anadwo,” kyerɛ sɛ, da biara. (Yos 1:8) Hwɛ nneɛma bi a ebetumi aboa yɛn ama yɛatumi akenkan Onyankopɔn Asɛm no daa, na yɛn ani agye ho.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MMABUN BI A WƆN ANI ABEGYE ONYANKOPƆN ASƐM HO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

Dɛn na na ama ayɛ den ama mmerante ne mmabaa no sɛ wɔbɛkan Bible da biara, na dɛn na ɛboaa wɔn?

  • Melanie

  • Samuel

  • Celine

  • Raphaello

NHYEHYƐE A MEDE KENKAN BIBLE: