BIBLE MU AKORADE
Bere Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
Asa de ne ho too Yehowa so, na otumi dii asraafodɔm kɛse so (2Be 14:9-12; w21.03 5 ¶12)
Akyiri yi, bere a asraafodɔm ketewaa bi baa ne so no, Asa de ne ho too Siriafo so (2Be 16:1-3; w21.03 5 ¶13)
Yehowa ani annye ho sɛ Asa ankɔ so anhwehwɛ Ne hɔ mmoa (2Be 16:7-9)
Sɛ yɛresisi gyinae akɛseakɛse wɔ yɛn abrabɔ mu a, ebia yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so, nanso gyinae afoforo mu nso ɛ? Biribiara a yɛyɛ wɔ abrabɔ mu no, ehia sɛ yɛde Yehowa ba mu.—Mme 3:5, 6; w21.03 6 ¶14.