Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu

Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu

ASƐNKA ADWUMA TITIRIW A YƐDE TO NSA FRƐ NKURƆFO BA NKAEDI NO (March 11–April 4)

“Yɛde anigye reto nsa afrɛ wo aba dwumadi titiriw bi ase. Yɛreyɛ saa dwumadi no de akae Yesu wu no. Nnipa ɔpepem pii bɛba bi.” Fa nsato krataa no ma no, anaa fa fa tɛks mɛsegye anaa e-mail so mena no. “Baabi a yɛbɛyɛ no wɔ yɛn mpɔtam ha, ne bere a yɛde bɛyɛ no, sɛ wohwɛ krataa yi so a, wubehu. Aka nnawɔtwe ama saa dwumadi yi adu so no, yɛbɛma ɔkasa titiriw bi. Ɛno nso, yɛto nsa frɛ wo sɛ bra bi.”

Onipa No Kyerɛ Ho Anigye A: Yi video a yɛato din Kae Yesu Wu No kyerɛ no [anaa fa fa tɛks mɛsegye anaa e-mail so mena no].

Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Dɛn nti na Yesu wui?

NSRAHWƐ A EDI KAN (March 1-10, April 5-30)

Asɛmmisa: Hena ne Yesu?

Kyerɛwsɛm: Mt 16:16

Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Dɛn nti na Yesu wui?

SANKƆHWƐ

Asɛmmisa: Dɛn nti na Yesu wui?

Kyerɛwsɛm: Mt 20:28

Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yesu afɔre no?