Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE

Yehowa Mmara Teɛ Na Nyansa Wom

Yehowa Mmara Teɛ Na Nyansa Wom

Sɛ yedi Yehowa mmara so a, ɛma yehu nyansa na yenya nhumu (De 4:6; it-2 1140 ¶5)

Sɛ nkurɔfo hwɛ sɛnea yɛbɔ yɛn bra a, ɛma wohu sɛ nyansa wom sɛ obi de Yehowa mmara bɛyɛ adwuma (De 4:6; w99 11/1 20 ¶6-7)

Sɛ wode Yehowa nkurɔfo toto wiase no ho a, wuhu sɛ Yehowa nkurɔfo abrabɔ yɛ papa paa (De 4:7, 8; w07 8/1 29 ¶13)

Sɛ afoforo hu sɛnea Yehowa nkurɔfo de ne mmara bɔ wɔn bra no a, etumi ma wɔbɛsom Yehowa.

Yehowa mmara a wode bɔ wo bra nti, nhyira bɛn na woanya?