Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE

“Mompam Nnipa a Wɔtete Asase No So Nyinaa”

“Mompam Nnipa a Wɔtete Asase No So Nyinaa”

Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, sɛ wodu Bɔhyɛ Asase no so a, biribiara a ebetumi ama wɔatwe wɔn ho afi ne ho no, wɔnsɛe no (Nu 33:52; w10 8/1 23)

Biribiara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔn nsa aka asase no, Yehowa hyɛɛ wɔn bɔ sɛ obehyira so (Nu 33:53)

Sɛ Israelfo no ansɛe wɔn atamfo no nyinaa a, na ɛde ɔhaw bɛbrɛ wɔn (Nu 33:55, 56; w08 2/15 27 ¶5-6; it-1 404 ¶2)

Sɛ Yehowa begye yɛn atom a, biribiara a ebetumi asɛe yɛne no ntam no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. (Yak 1:21) Yehowa bɛma yɛn ahoɔden, na yɛatumi ako atia subammɔne biara a epiapia yɛn ma yɛkɔyɛ bɔne. Afei nso, ɔbɛboa yɛn ama yɛatwe yɛn ho afi wiase yi mu nneɛma a ebetumi asɛe yɛne no ntam ho.