Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Fa Wubetumi Anya Anigye Daa! Nhoma No Boa Nkurɔfo Ma Wonnya Yehowa Ne Yesu Mu Gyidi

Fa Wubetumi Anya Anigye Daa! Nhoma No Boa Nkurɔfo Ma Wonnya Yehowa Ne Yesu Mu Gyidi

Sɛ yɛn Bible asuafo betumi asɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ wonya gyidi a emu yɛ den. (Heb 11:6) Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no betumi aboa yɛn ama yɛadu wɔn koma mu. Kyerɛwsɛm atitiriw, nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom, ne nsɛmmisa a etu mpɔn wɔ nhoma yi mu. Afei nso, video a ɛka koma ne mfoni a ɛyɛ fɛ bebree wom. Sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wonya suban pa, na wɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa a, ɛkyerɛ sɛ yɛde nneɛma a ogya ntumi nhyew na ɛresi yɛn dan no.—1Ko 3:12-15.

Ebinom wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegye adi sɛ wobetumi afa Onyankopɔn adamfo, efisɛ wontumi nhu no. Obi saa no, ɛsɛ sɛ yɛboa no ma ohu sɛnea Yehowa te; ɛsɛ sɛ ohu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ, na obetumi de ne ho atweri no.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN FA “WUBETUMI ANYA ANIGYE DAA!” NHOMA NO BOA NKURƆFO MA WONNYA YEHOWA MU GYIDI NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Yɛyɛ dɛn hu sɛ onuawa no suaa nhoma no yiye ansa na ɔrekɔyɛ Bible adesua no?

  • Bere a wɔkenkan Yesaia 41:10, 13 wiei no, onuawa no bisaa nsɛm baako mmienu bi a enni nhoma no mu maa osuani no kaa nea ɛwɔ ne komam. Sɛn na ɔyɛɛ no?

  • Sɛn na video no ne kyerɛwnsɛm a wɔkenkanee no kaa osuani no?

Nnipa bebree nte agyede no ase. Pii nso nhu no sɛ wɔn nti na Onyankopɔn maa ne ba no bewui. (Ga 2:20) Wei nti, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wonya Yesu agyede afɔre no mu gyidi.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN FA “WUBETUMI ANYA ANIGYE DAA!” NHOMA NO BOA NKURƆFO MA WONNYA YESU MU GYIDI NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Yɛyɛ dɛn hu sɛ onua no suaa nhoma no yiye ansa na ɔrekɔyɛ Bible adesua no?

  • Nsɛm a ɛwɔ “Yɛ nhwehwɛmu” afã hɔ no, sɛn na ɔde dii dwuma ma ɛboaa osuani no?

  • Adɛn nti na ehia sɛ yɛbɔ mpae ma osuani no?