Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE

Ahomaso Nti Absalom Tew Atua

Ahomaso Nti Absalom Tew Atua

Ná Absalom pɛ sɛ onya nnipa anim anuonyam (2Sa 15:1; it-1 860)

Absalom wiaa nkurɔfo no koma (2Sa 15:2-6; w12 7/15 13 ¶5)

Absalom yɛe sɛ obegye ahenni no afi ne papa nsam (2Sa 15:10-12; it-1 1083-1084)

Ɛnsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ yɛbɛpere dibea anaa yɛbɛhwehwɛ anuonyam. Enti ɛwɔ hɔ ara a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Nneɛma a meyɛ no, adwene bɛn na ɛwɔ akyi?’ Sɛ́ anka yɛbɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛma nkurɔfo abɔ agye yɛn so no, ɛsɛ sɛ yɛma wɔn ahiasɛm yɛ yɛn ahiasɛm.—Flp 2:3, 4.