Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Ɔdɔ Wɔ Biribiara Mu Anidaso

Ɔdɔ Wɔ Biribiara Mu Anidaso

Dɔ a yɛdɔ yɛn nuanom nti, yɛwɔ awerɛhyem sɛ wɔbɛyɛ nneɛma pa. (1Ko 13:4, 7) Sɛ nhwɛso no, sɛ onua bi yɛ bɔne na wɔteɛ ne so a, yɛwɔ anidaso sɛ obegye nteɛso no atom na wasesa n’akwan. Wɔn a wɔn gyidi yɛ mmerɛw no, yenya wɔn ho abotare, na yɛyɛ nea yebetumi de boa wɔn. (Ro 15:1) Obi fi asafo no mu nso a, yɛkɔ so nya anidaso sɛ daakye bi, ɔbɛsan aba.—Lu 15:17, 18.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN KAE SƐNEA ƆDƆ YƐ N’ADE—ƐWƆ BIRIBIARA MU ANIDASO NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Dɛn na Abner yɛ de kyerɛe sɛ afei de ɔtaa Dawid akyi?

  • Asɛm a Abner de bɛtoo Dawid anim no, osoo mu sɛn? Na sɛn na Yoab nso faa no?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya yɛn nuanom ho adwempa?