Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Ntɔkwaw Si Wɔ Wo Man Mu a, Dɛn Na Wobɛyɛ? Woasiesie Wo Ho?

Ntɔkwaw Si Wɔ Wo Man Mu a, Dɛn Na Wobɛyɛ? Woasiesie Wo Ho?

Wiase yi awiei abɛn pɛɛ, enti yɛhwɛ kwan sɛ ɔko, basabasayɛ, ne ntɔkwaw bɛkɔ anim paa. (Adi 6:4) Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ho ama nea ebetumi asi daakye no?

  • Hyɛ wo ne Yehowa ntam adamfofa no mu den: Hwehwɛ Bible mu nsɛm ne Bible nnyinasosɛm a ɛbɛboa wo ama wode wo ho ato Yehowa ne n’ahyehyɛde no so, ne nea ɛbɛboa wo na woankogyina ɔfã biara akyi. (Mme 12:5; jr 125-126 ¶23-24) Afei nso saa bere yi paa na ɛsɛ sɛ yɛne anuanom fa adamfo denneennen.—1Pe 4:7, 8

  • Siesie wo ho sie: Yɛ nhyehyɛe to hɔ, na sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wohyɛ dan mu kakra a, woahu nea wobɛyɛ, na pɛ nneɛma kakra gu hɔ a wode bɛhwɛ wo ho. Afei nso, yɛ nhyehyɛe a sɛ ɛkɔba sɛ, ɛsɛ sɛ wufi fie kɔbɔ wo ho aguaa a, ɛrenkɔba sɛ w’ani betutu aka wo nsam. Ɛyɛ a hwɛ sɛ wo go bag no, biribiara a ehia wɔ mu kama anaa. Kae fa nneɛma bi te sɛ gloves, nose mask ne sika hyɛ mu bi. Hu sɛnea biribi ni a, wo nsa bɛka asafo mu mpanyimfo no, na hwɛ hu sɛ wɔn nso nim ɔkwan a wɔbɛfa so anya wo.—Yes 32:2; g17.5 3-7

Sɛ ntɔkwaw si a, nneɛma a woyɛ no daa de som Yehowa no, nnyae yɛ. (Flp 1:10) Sɛ ɛnyɛ biribi a ehia paa a, hyɛ baabi a wohyɛ no ara; kwati sɛ ɛreyɛ ara ni na woafi baabi a wowɔ no kɔ baabi foforo. (Mt 10:16) Nnuan ne nneɛma a wowɔ no, wo ne afoforo nkyɛ.—Ro 12:13.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN WOASIESIE WO HO AMA ATOYERƐNKYƐM? NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Sɛn na Yehowa boa yɛn bere a atoyerɛnkyɛm asi?

  • Nneɛma bɛn saa na wubetumi ayɛ de asiesie wo ho asie?

  • Wɔn a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho aka no, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn?