Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Fa Nsɛm a Ɛresisi Nnansa Yi Di Dwuma Wɔ Asɛnka Mu

Fa Nsɛm a Ɛresisi Nnansa Yi Di Dwuma Wɔ Asɛnka Mu

Nea na Yesu ka ho asɛm wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu no bi wɔ hɔ a, na ɛyɛ nsɛm a esisii nkyɛe. (Lu 13:1-5) Wo nso, sɛ wopɛ sɛ nkurɔfo ani gye Ahenni asɛm no ho a, wubetumi de nsɛm a ɛresisi no bi ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Wubetumi aka asetena a emu ayɛ den, atoyerɛnkyɛm a ɛresisi, ntɔkwaw a ɛrekɔ so wɔ aman bi so, nnubɔne a seesei nkurɔfo nte ho gyae, anaa biribi foforo ho asɛm. Wuwie a na woabisa sɛ: “Wohwɛ a saa ade yi, da bi bɛba a ɛto betwa?” anaa “Wohwɛ a nea ɛrekɔ so yi, ano aduru ne sɛn?” Afei, kenkan kyerɛwsɛm bi a ɛfa saa asɛm no ho kyerɛ no. Sɛ onipa no kyerɛ asɛm no ho anigye a, video anaa nhoma a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu no, ka bi ho asɛm kyerɛ no. Momma yɛmmɔ mmɔden sɛ, ‘asɛmpa no nti yɛbɛyɛ ade nyinaa,’ sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm no bɛka wɔn a wɔwɔ yɛn asaasesin mu no koma.—1Ko 9:22, 23.

Nsɛm bɛn saa na wode fi nkɔmmɔbɔ ase wɔ w’asaasesin mu a, ɛbɛma nkurɔfo ani agye asɛm no ho?