Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Hwɛ Wo Ho Yiye Wɔ Awaefo Ho

Hwɛ Wo Ho Yiye Wɔ Awaefo Ho

Satan ne n’akyidifo taa de atosɛm fra nokwasɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe yɛn gyidi. (2Ko 11:3) Ɛho nhwɛso ne sɛ, Asiriafo kyinkyim nokwasɛm na wɔtwaa atoro sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma Yehowa nkurɔfo aba mu abu. (2Be 32:10-15) Ɛnnɛ nso saa ara na awaefo yɛ. Sɛ yɛte awaefo nkyerɛkyerɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Bu no sɛ awuduru, na mmɛn ho koraa! Nkan wɔn nsɛm no bi da! Sɛ wɔka biribi a, nyi ano, na mfa nea wɔakyerɛw no mmena nkurɔfo. Ɛtɔ da a nkurɔfo keka nsɛm anaa wɔkyerɛw Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho nsɛm bi a ebetumi ama w’adwenem ayɛ wo naa. Enti ma w’ani nna hɔ, na sɛ wuhu biribi saa a, po koraa!—Yuda 3, 4.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN ‘MONKO DENNEENNEN MFA MMƆ GYIDI NO HO BAN’!—NE FÃ BI. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Sɛ yɛtaa kɔ baabi a nkurɔfo di nkɔmmɔ wɔ Intanɛt so a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye?

  • Afotu a ɛwɔ Romafo 16:17 no, yɛbɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma?