Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Ɔdio Bible No, Wode Reyɛ Adwuma Yiye?

Ɔdio Bible No, Wode Reyɛ Adwuma Yiye?

Dɛn ne ɔdio Bible? Wiase Foforo Nkyerɛase Bible a yɛayɛ no foforo no, yɛakan agu Intanɛt so. Ɛno na yɛfrɛ no ɔdio Bible no. Yɛayɛ no wɔ kasa bebree mu, na Bible mu nhoma biara a yɛbɛkan awie no, na yɛde ato Intanɛt so. Ade baako a ɛyɛ anika wɔ ɔdio Bible no ho ne sɛ, ɛnyɛ ɔbaakofo na ɛkenkan; wɔn a ɛkan no dɔɔso. Enti sɛ woretie a, wobɛte no sɛ nnipa ahorow bi na ɛrebɔ nkɔmmɔ. Akenkanfo no kenkan ma emu da hɔ, na wɔde atenka a Bible mu nipa no de kasae no na ɛkan. Ne nyinaa ma yɛte Bible no ase yiye.

Sɛn na ɔdio Bible no aboa ebinom? Wɔn a wɔtaa tie ɔdio Bible no ka sɛ, ɛma wɔte nka sɛ, asɛ Bible mu nsɛm no sisii no, na wɔwɔ hɔ bi. Wɔka sɛ, sɛnea Bible mu nipa biara obi foforo na ɛkenkan n’anom asɛm no, ɛma wɔtumi twa ho mfoni yiye, na ɛma wɔte Bible mu asɛm no ase yiye. (Mme 4:5) Ebinom nso ka sɛ, sɛ nneɛma hyɛ wɔn so na wɔtie ɔdio Bible no a, ɛma wɔn koma tɔ wɔn yam.—Dw 94:19.

Sɛ obi rekenkan Onyankopɔn Asɛm no na yɛte no yɛn asom a, ebetumi apusuw yɛn. (2Be 34:19-21) Sɛ wɔakenkan Bible no nyinaa anaa ne fã bi wɔ wo kasa mu a wubetumi atie a, adɛn nti na nneɛma a woyɛ no daa de som Onyankopɔn no, womfa nka ho?

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SƐNEA YƐYƐƐ ƆDIO BIBLE NO—NE FÃ BI. WUWIE A, BUA ASƐMMISA A EDI SO YI:

Sɛnea wɔyɛ ɔdio Bible no, dɛn na ɛma w’ani gye ho?