Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Fa Anigye Hyɛ Nkɔmmɔbɔ Ase

Fa Anigye Hyɛ Nkɔmmɔbɔ Ase

Ɛtɔ da na yɛne nkurɔfo redi nkɔmmɔ a, hokwan tumi bue ma yedi wɔn adanse. Wei ma yɛn ani gye paa. Nanso sɛ yedwen sɛnea yɛbɛdan nkɔmmɔ no ma ayɛ Bible nkɔmmɔ no ho pii a, ebetumi ama yɛn yam ahyehye yɛn. Enti nea wobɛka de adi nipa no adanse no, ɛyɛ a nnwen ho dodo, mmom ma nipa no nhu sɛ wudwen ne ho. (Mt 22:39; Flp 2:4) Sɛ nkɔmmɔ no rekɔ so na hokwan no ara de ne ho ba a, nkratawa, nhoma, ne nneɛma foforo pii wɔ hɔ a ebetumi aboa wo ama woadi no adanse.

Sɛ wo ne obi redi nkɔmmɔ, na hokwan no ba sɛ wubedi no adanse a, wobɛyɛ dɛn de nnwinnade a edidi so yi ayɛ adwuma?

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN DADE SEW DADE ANO”SƐNEA YEBEFI ASE NE NKURƆFO ABƆ NKƆMMƆ. WUWIE A, BUA ASƐMMISA A EDI SO YI:

Nneɛma mmiɛnsa bɛn na yɛyɛ a ebetumi aboa yɛn ama yɛne afoforo adi nkɔmmɔ yiye?