Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Sɛnea Yehowa Hu Wo No, Wo Nso Hu Wo Ho Saa Ara

Sɛnea Yehowa Hu Wo No, Wo Nso Hu Wo Ho Saa Ara

“Yehowa ani gye ne man ho.” (Dw 149:4) Ɛwom sɛ bɔne wɔ yɛn ho, na yɛtɔ sin, nanso ɛnyɛ ɛno na Yehowa hwɛ. Mmom suban pa a yɛwɔ, ne nneɛma pa a ohu sɛ yebetumi ayɛ no daakye no, ɛno na ɔde n’adwene si so. Nanso yɛn de, etumi yɛ den ma yɛn sɛ yebehu suban pa a yɛwɔ. Ɛtɔ da a, afoforo nneyɛe betumi ama yɛate nka sɛ yɛnsɛ hwee. Anaa ebia bere bi a atwam no, yedii mfomso bi. Sɛ yɛkɔ so dwinnwen ho a, ebetumi ama ayɛ den ama yɛn sɛ yebegye atom sɛ Yehowa betumi adɔ yɛn. Sɛ yɛte nka saa a, dɛn na ɛbɛboa yɛn?

Kae sɛ, Yehowa de, ohu nea nnipa ntumi nhu. (1Sa 16:7) Ɛno kyerɛ sɛ, Yehowa nim yɛn sen sɛnea yɛn ara yenim yɛn ho mpo. Anigyesɛm ne sɛ, adwene a Yehowa wɔ wɔ yɛn ho no, Bible boa yɛn ma yetumi hu. Nnipa binom ho nsɛm ne nsɛm afoforo bi wɔ mu a ɛma yehu sɛ Yehowa dɔ n’asomfo paa. Sɛ yɛkan saa nsɛm no a, ɛboa yɛn ma yehu adwene a Yehowa kura wɔ yɛn ho.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MA WO KOMA AWERƐHYEM YEHOWA ANIM. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Abarimaa a otu mmirika ne ne papa ho mfatoho no, sɛn na ɛma yehu adwene a Yehowa kura wɔ yɛn ho?

  • Sɛ obi yɛ bɔne a ɛsõ, na otu anammɔn a ɛbɛma ɔne Yehowa ntam asan ayɛ papa a, ɔbɛyɛ dɛn ama ne koma anya awerɛhyem wɔ Yehowa anim?—1Yo 3:19, 20

  • Bere a onua no kenkan Dawid ne Yehosafat ho nsɛm na odwinnwen ho no, sɛn na ɛboaa no?