Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Yehowa Ne “Nnyanka Agya”

Yehowa Ne “Nnyanka Agya”

Afe biara, mmerante ne mmabaa pii tu anammɔn bɛyɛ Yehowa nnamfo. (Dw 110:3) Mmerante ne mmabaa a moatu saa anammɔn no, mo mu biara da Yehowa koma so paa. Onim nea worefa mu, na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa wo ama woasom no. Sɛ ɔwofo baako na ɛretete wo a, kae sɛ Yehowa “ne nnyanka agya.” (Dw 68:5) Sɛ efie nye sɛ dɛn mpo a, Yehowa betumi atete wo ama asi wo yiye.—1Pe 5:10.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN WƆN A WƆAKO DENNEENNEN ABƆ GYIDI NO HO BAN—KRISTOFO A ƆWOFO BAAKO PƐ NA ƐDE NOKWARE NO RETETE WƆN. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Dɛn na wusua fii Tammy, Charles, ne Jimmy asɛm no mu?

  • Wɔn a ɔwofo baako pɛ na ɛde nokware no retete wɔn no, awerɛhyem bɛn na Dwom 27:10 de ma wɔn?