Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

May 20-26

DWOM 40-41

May 20-26

Dwom 102 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛboa Nkurɔfo?

(Simma 10)

Yɛboa nkurɔfo a, ɛma yɛn ani gye (Dw 41:1; w18.08 22 ¶16-18)

Yehowa boa wɔn a wɔboa nkurɔfo (Dw 41:​2-4; w15 12/15 24 ¶7)

Sɛ yɛboa nkurɔfo a, ɛhyɛ Yehowa anuonyam (Dw 41:13; Mme 14:31; w17.09 12 ¶17)

BISA WO HO SƐ, ‘Mehwɛ m’asafo mu a, obi wɔ hɔ a metumi aboa no ama wahu JW Library app no mu yiye anaa?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 40:​5-10—Wohwɛ Dawid mpae yi a, sɛ yegye tom sɛ Yehowa ne ade nyinaa so Tumfoɔ a, dɛn na ɛbɛkanyan yɛn ama yɛayɛ? (it-2 16)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Fa no sɛ woahyia obi a ɔwɔ anigye mu. Wo ne no mfi nkɔmmɔbɔ ase. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 3)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Fa no sɛ woahyia obi a n’anim ayɛ bosaa. Wo ne no mfi nkɔmmɔbɔ ase. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 5)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 5) lff adesua 14 nkyekyɛm 6. Fa no sɛ ɛyɛ den ma wo Bible suani sɛ ɔbɛma mmuae wɔ adesua ase. Wo ne no nkɔ “Yɛ Nhwehwɛmu” afã hɔ. Afei asɛm a yɛato din “Yi Yehowa Ayɛ Wɔ Asafo Mu” no, fa nsɛm a ɛwom no baako, na wo ne no mmɔ ho nkɔmmɔ. (th adesua 19)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 138

7. Yɛ Anuanom a Wɔn Mfe Akɔ Anim No Yiye

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Adwuma a yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no yɛ wɔ asafo no mu no, Yehowa ani sɔ ne nyinaa, na yɛn nso yɛn ani sɔ. (Heb 6:10) Wɔde mfe pii akyerɛkyerɛ wɔn nuanom Kristofo, atete wɔn, ahyɛ wɔn nkuran. Yɛreka yi koraa ebia wo nso, wɔaboa wo akwan bebree so. Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ nea wɔayɛ ne nea wɔgu so reyɛ wɔ asafo no mu no?

Yi VIDEO a yɛato din ‘Momma Yɛnyɛ Yɛn Nuanom Yiye.’ Afei bisa sɛ:

  • Mmoa bɛn na Ji-Hoon nya fii onua panyin Ho-jin Kang hɔ?

  • Anuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ w’asafo mu no, dɛn na ɛyɛ wo fɛ wɔ wɔn ho?

  • Samariani yamyefo no asɛm no, dɛn na yɛfa fi mu?

  • Bere a Ji-Hoon reboa onua panyin Ho-jin Kang no, ɔmaa anuanom afoforo bɛkaa ne ho. Adɛn nti na wugye di sɛ eye paa sɛ ɔyɛɛ saa?

Anuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ yɛn asafo mu no, sɛ yɛto yɛn bo ase dwen wɔn ho a, yebehu nneɛma bebree a yebetumi ayɛ de aboa wɔn. Sɛ wuhu sɛ wɔhia mmoa a, hwɛ nea wubetumi ayɛ de aboa wɔn. —Yak 2:​15, 16.

Kenkan Galatifo 6:10. Afei bisa sɛ:

  • Anuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ w’asafo mu no, dɛn na wubetumi ayɛ ama wɔn de akyerɛ sɛ ‘woreyɛ wɔn yiye?’

8. Asafo Bible Adesua

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 8 Ne Mpaebɔ