Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Mmerante ne Mmabaa—Monyɛ Ntɛm Nwura ‘Ɔpon Kɛse’ no Mu

Mmerante ne Mmabaa—Monyɛ Ntɛm Nwura ‘Ɔpon Kɛse’ no Mu

Woyɛ aberante anaa ababaa a, ebetumi ayɛ wo sɛ wommɔ akwakoraa anaa aberewa da. Enti anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ “nna bɔne” a mpanyinyɛ de ba nnipa so wɔ Satan wiase yi mu no, ebi rento wo da. (Ɔsɛ 12:1) Sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a, wowɔ bere pii a wubetumi de honhom fam botae asisi w’ani so, te sɛ bere nyinaa som adwuma no.

‘Asiane to yɛn nyinaa bere a yɛnhwɛ kwan’; ennim aberante nnim ɔpanyin. (Ɔsɛ 9:11) ‘Wunnim nea ɛbɛto wo ɔkyena.’ (Yak 4:14) Enti honhom fam botae a wopɛ sɛ wode si w’ani so no, mfa nneɛma biara kɛkɛ nnyi wo ho ano ntu nhyɛ da. Bere a wowɔ hokwan no, wura ‘dwumadi kɛse pon’ no mu ansa na aka akyi. (1Ko 16:9) Woyɛ saa a, worennu wo ho da.

Honhom fam botae no bi ni:

  • Wubetumi asua kasa foforo de aka asɛmpa no

  • Wubetumi ayɛ ɔkwampaefo

  • Wubetumi akɔ Kristofo sukuu no bi

  • Wubetumi ayɛ adansi adwuma

  • Wubetumi akɔyɛ adwuma wɔ Betel

  • Wubetumi ayɛ ɔmansin sohwɛfo

Botae a mede asi m’ani so: