Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm a Yebetumi Aka

Nsɛm a Yebetumi Aka

ƆWƐN-ABAN

Asɛmmisa: Sɛ obi bisa wo sɛ ɔsoro te sɛn a, dɛn na anka wobɛka?

Kyerɛwsɛm: Yoh 8:23

Wubetumi Aka Sɛ: Ɔwɛn-Aban yi bɛma woahu nea Yesu ne ne Papa nyinaa aka afa ɔsoro ho.

MA NKURƆFO NHU NOKWARE NO

Asɛmmisa: Nea Bible ahyɛ ho nkɔm wɔ ha yi, wunnye nni sɛ ɛno na ɛrekɔ so nnɛ yi?

Kyerɛwsɛm: 2Ti 3:1-5

Nokwasɛm: Esiane sɛ Bible nkɔmhyɛ a ɛfa awiei mmere ho no renya mmamu nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ nkɔmhyɛ a ɛfa asetena pa a yebenya daakye ho no nso bɛbam.

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WUSUA BIBLE? (Video)

Nnianim Asɛm: Yɛreyi video tiawa bi akyerɛ nkurɔfo. Ɛma yehu baabi a yebenya nsɛm a ɛkyere nkurɔfo adwene paa ho mmuae. [Yi video no.]

Wubetumi Aka Sɛ: Bible kyerɛ nea Onyankopɔn bɛyɛ de ayi wiase haw nyinaa afi hɔ. Wokan nhoma yi a wubehu. [Fa Bible Kyerɛkyerɛ anaa Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no ma no.]

KYERƐW NEA W’ANKASA WOBƐKA

Hwɛ nsɛm a yebetumi aka no so na wo ankasa kyerɛw nea wobɛka.