Anuanom bi a wɔwɔ Malawi apɔn ɔmantam nhyiam, na wɔahyiam rehwɛ JW Broadcasting

KRISTOFO ABRABƆ NE YƐN ASƐNKA—ADESUA NHOMA November 2019

Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu

Nsɛm a wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso a yebetumi aka wɔ asɛnka mu. Ɛfa nea enti a yɛwɔ wiase ne nea Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma nnipa daakye ho.

BIBLE MU AKORADE

Monnnɔ Wiase Anaa Nneɛma a Ɛwɔ Wiase

Sɛ yɛmpɛ sɛ wiase no ne n’akɔnnɔ twe yɛn fi Yehowa ho a, dɛn na ɛbɛboa yɛn?

KRISTOFO ABRABƆ

Woreyɛ W’ayeforohyia Ho Ntotoe a, Nsuasua Wiase No

Sɛ wɔn a wɔrebɛware no ani begye na wɔakɔ so anya ahonim pa a, Bible mu nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa wɔn bere a wɔreyɛ ayeforohyia no ho ntotoe no?

BIBLE MU AKORADE

Ɛsɛ Sɛ Yɛyere Yɛn Ho Paa Na Yɛatumi Akɔ So Atena Nokware No Mu

Yɛbɛyɛ dɛn ‘ako denneennen apere gyidi’ no?

BIBLE MU AKORADE

“Minim Wo Nnwuma”

Yesu nim biribiara a ɛkɔ so wɔ asafo no ne mpanyimfo kuw no mu, efisɛ wɔhyɛ n’ase enti ɔwɔ wɔn so tumi.

KRISTOFO ABRABƆ

Yehowa Nim Nea Yehia

Adɛn nti na ɔmantam nhyiam biara a yɛbɛkɔ no, yɛte nka sɛ ɛyɛ ne bere mu de? Adesua a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu hyɛ nkuran paa na mfaso wɔ so. Dɛn na ɛma ɛba saa?

BIBLE MU AKORADE

Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So

Nkɔmhyɛ a ɛfa apɔnkɔsotefo baanan a wɔretu mmirika a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, yehu sɛ ɛreba mu nnɛ. Wɔn mu biara gyina hɔ ma dɛn?

KRISTOFO ABRABƆ

Yehowa Dɔ Nea Ɔtew N’anim Ma

Yɛbɛyɛ dɛn ayi ntoboa de aboa adwuma a Yehowa Adansefo yɛ wɔ wiase nyinaa ne yɛn asafo ahorow mu no?