Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | ADIYISƐM 1-3

“Minim Wo Nnwuma”

“Minim Wo Nnwuma”

1:20; 2:1, 2

  • “Nsoromma nson”: Egyina hɔ ma asafo mu mpanyimfo a wɔasra wɔn, nanso yɛreka a, asafo mu mpanyimfo nyinaa ka ho

  • “Ɛwɔ [Yesu] nsa nifa mu”: Yesu wɔ nsoromma no so tumi, na otumi dannan wɔn sɛnea ɔpɛ biara. Enti sɛ ɛho behia sɛ wɔteɛ obi wɔ mpanyimfo kuw no mu a, Yesu bɛhwɛ ama wɔateɛ no bere a ɛsɛ mu ne ɔkwan a ɛfata so

  • “Sika akaneadua nson”: Egyina hɔ ma Kristofo asafo ahorow no. Sɛnea kaneadua no maa hann baa ntamadan no mu no, saa ara nso na Kristofo asafo ahorow no ma yenya nokware hann a efi Onyankopɔn hɔ. (Mt 5:14) Afei nso, Yesu ‘nam akaneadua no mfinimfini,’ kyerɛ sɛ, dwumadi biara a ɛkɔ so wɔ asafo ahorow no mu no, ɔno na ɔhwɛ so