Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | ADIYISƐM 4-6

Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So

Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So

6:2, 4-6, 8

Yesu ‘fii adi kodii nkonim’ bere a ɔne Satan ne n’adaemone koe na ɔtow wɔn guu asaase so no. Yesu gu so redi nkonim, efisɛ ɔbɔ n’asomfo ho ban na ɔboa wɔn wɔ awiei bere yi mu. Yesu ‘bewie ne nkonimdi’ no bere a wasɛe nnipa mmiɛnsa a wɔtete apɔnkɔ so no nnwuma wɔ Harmagedon. Afei ɔhaw a wɔn nnwuma no de abrɛ adesamma nyinaa nso, obesiesie.